Romans 16

Nkyia

1Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. 2Munnye no Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ, ɔno ara ankasa faa nnipa bebree ne me nso adamfo.

3Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu 4a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko na mmom Amanamanmufo asafo no nyinaa.

5Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso, mikyia wɔn. Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. 6Afei mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso. 7Mikyia Androniko ne Yunia, me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu na wodii me kan Kristo mu no.

8Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia. 9Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki.

10Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no. Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa. 11Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.

12Mikyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no. 13Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse Awurade som mu no. Mikyia Rufo ne na a ɔfaa me sɛ ne ba no nso. 14Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa. 15Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.

16Mikyia wɔn nyinaa papaapa. Kristo asafo no nyinaa kyia mo.

17Anuanom, mitu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaepaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye; montwe mo ho mfi wɔn ho. 18Efisɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee. 19Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho. 20Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.

21Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.

22Me Tertio a mekyerɛw saa krataa yi nso, mede Awurade din mikyia mo.

23Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo. 24Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

25Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mugyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekae wɔ asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho no mu kyerɛɛ mo no. Me kasa mu no, medaa nokware ahintasɛm a ahintaw afi teteete no adi kyerɛɛ mo. 26Mprempren, ɛnam nsɛm a adiyifo no kyerɛwee so ama nokware ada adi na ɛnam Onyankopɔn tumi so ama aman nyinaa atie, agye adi.

27Onyankopɔn a ɔno nko na nyansa nyinaa wɔ no no, anuonyam a ɛnam Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.

Copyright information for TwiNAK